Asante Twi Bible - Galatifo Nhyenmu
Fante | Akuapem | Ga
Asante Twi - Nhyɛnmu
Nkyea1 Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so bɛyɛɛ Kristo Yesu somafoɔ, de kɔma ahotefoɔ a wɔwɔ Efeso a wɔyɛ Kristo Yesu mu gyidifoɔ:
2Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.
Nyankopɔn dɔ ho tirimbɔ3 Nhyira nka Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya a ɔde honhom mu nhyira nyinaa ahyira yɛn soro hɔnom Kristo mu,
4 sɛdeɛ ɔyii yɛn wɔ ɔdɔ mu, Kristo mu ansa na wɔrehyɛ wiase aseɛ, sɛ yɛnyɛ ahotefoɔ ne nnipa a wɔn ho nni asɛm n’anim.
5 Ɔyii yɛn too hɔ sɛ ɔnam Yesu Kristo so bɛfa yɛn abayɛ mu, sɛdeɛ ne pɛ anisɔ teɛ,
6 na ama wɔayi n’adom a ɔde adom yɛn wɔ ne Dɔba mu no animuonyam ayɛ.
7 Ɔno ara mu na yɛanya ɔgyeɛ a ɛnam ne mogya soɔ, a ɛne mfomsoɔ fakyɛ no wɔ n’adom bebree mu.
8Ɔmaa no boroo so maa yɛn wɔ nyansa ne nimdeɛ nyinaa mu.
9 Ɔmaa yɛhunuu ne pɛ ahuntasɛm, sɛdeɛ n’anisɔ a ɛyɛ n’atirimpɔ no teɛ.
10 Ɔde kyerɛɛ sɛ ɛberɛ awie duro sɛ wɔbɛka nnoɔma nyinaa abɔ mu bio Kristo mu, mekyerɛ deɛ ɛwɔ soro ne deɛ ɛwɔ asase so nyinaa.
11 Ɔno ara Kristo mu na wayɛ yɛn adedifoɔ nso, sɛdeɛ ɔyɛ nnoɔma nyinaa, ne pɛ agyinatuo soɔ no, bɔɔ ne tirim hyehyɛ too hɔ no,
12 sɛ yɛn a yɛn ani daa Kristo so kane no mmɛyɛ n’animuonyam ayeyie.
13 Ɔno ara mu na mo nso, motee nokorɛ asɛm a ɛne mo nkwagyeɛ ho asɛmpa no. Ɔno ara nso mu na mogye diiɛ no, wɔde Honhom Kronkron a wɔde ahyɛ mo bɔ no,
14 a ɛne yɛn apɛgyadeɛnya nsohyɛ no asɔ mo ano asie. Yei ne ɔgyeɛ a wɔde agye wɔn a ɔde wɔn ayɛ ne deɛ ama n’animuonyam ayeyie.
Paulo mpaebɔ15 Yei nti, me nso metee mo ho Awurade Yesu mu gyidie ne mo dɔ a mode dɔ ahotefoɔ nyinaa no, 16mennyae mo ho aseda ne mo dinbɔ me mpaebɔ mu. 17Mebɔ mpaeɛ sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn, animuonyam Agya no, mma mo nyansa ne adiyie honhom wɔ ne ho nimdeɛ mu, 18na moate aseɛ, na moahunu ne frɛ anidasoɔ no ne n’apɛgyadeɛ animuonyam ahonya wɔ ahotefoɔ no mu. 19Afei nso, ɔmma mo nhunu ne tumi kɛseɛ a ɛboro so ma yɛn a yɛgye die, sɛdeɛ n’ahoɔden tumi adeyɛ 20 a ɔde yɛɛ adeɛ Kristo mu, nyanee no firii awufoɔ mu no teɛ. Ɔde no tenaa ne nifa ɔsoro, 21 mpaninnie ne tumidie ne ahoɔden ne wurayɛ nyinaa so, ɛne din a wɔde toɔ, ɛnyɛ wiase ha nko, na mmom wiase a ɛreba no nso mu. 22 Na ɔde ade nyinaa ahyɛ ne nan ase na ɔde no ayɛ nnoɔma nyinaa so tire ama asafo 23 a ɛne ne nipadua no, deɛ ɔhyɛ ade nyinaa ma wɔ nnoɔma nyinaa mu no mayɛ.
Source: The Bible Society of Ghana
NKJV - Ephesians Epistle
Greetings
Paul, an apostle of Jesus Christ by the will of God, To the saints who are in Ephesus, and faithful in Christ Jesus:
2 Grace to you and peace from God our Father and the Lord Jesus Christ.
Redemption in Christ3 Blessed be the God and Father of our Lord Jesus Christ, who has blessed us with every spiritual blessing in the heavenly places in Christ,
4 just as He chose us in Him before the foundation of the world, that we should be holy and without blame before Him in love,
5 having predestined us to adoption as sons by Jesus Christ to Himself, according to the good pleasure of His will,
6 to the praise of the glory of His grace, by which He made us accepted in the Beloved.
7 In Him we have redemption through His blood, the forgiveness of sins, according to the riches of His grace
8 which He made to abound toward us in all wisdom and prudence,
9 having made known to us the mystery of His will, according to His good pleasure which He purposed in Himself,
10 that in the dispensation of the fullness of the times He might gather together in one all things in Christ, both which are in heaven and which are on earth — in Him.
11 In Him also we have obtained an inheritance, being predestined according to the purpose of Him who works all things according to the counsel of His will,
12 that we who first trusted in Christ should be to the praise of His glory.
13 In Him you also trusted, after you heard the word of truth, the gospel of your salvation; in whom also, having believed, you were sealed with the Holy Spirit of promise,
14 who is the guarantee of our inheritance until the redemption of the purchased possession, to the praise of His glory.
Prayer for Spiritual Wisdom15 Therefore I also, after I heard of your faith in the Lord Jesus and your love for all the saints,
16 do not cease to give thanks for you, making mention of you in my prayers:
17 that the God of our Lord Jesus Christ, the Father of glory, may give to you the spirit of wisdom and revelation in the knowledge of Him,
18 the eyes of your understanding being enlightened; that you may know what is the hope of His calling, what are the riches of the glory of His inheritance in the saints,
19 and what is the exceeding greatness of His power toward us who believe, according to the working of His mighty power
20 which He worked in Christ when He raised Him from the dead and seated Him at His right hand in the heavenly places,
21 far above all principality and power and might and dominion, and every name that is named, not only in this age but also in that which is to come.
22 And He put all things under His feet, and gave Him to be head over all things to the church,
23 which is His body, the fullness of Him who fills all in all.
Source: Biblesoft Inc.
Post a Comment